Ade baako a mekyi wɔ nyinsɛn wei ho ne sɛɛ, aduane a medii bi akyɛ koraa aa, ne mekɔn dɔ. Just like that.
Nnawɔtwe yi a ɛtwaa mu yi, me te adwuma mu aa na mekɔn dɔɔ bankye ampesi ne mako a y’atwi no apɔtɔwea mu. Me frɛɛ Anokye. Time a mefrɛɛ no no, na wakɔsi passengers bi wɔ Tanoso. Ɔtoaa so kɔɔ fie, kɔtɔɔ bankye wɔ Abuakwa dwom, ɛyɛɛ bankye ampesi no brɛɛ me.
Ɔde aduane no baa yɛ no, me madam hwɛɛ no dinn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ,
“Anokye, wowɔ ɔbaa yi ho aboterɛ paa oh!”
“Mɛyɛ no dɛn? Kakra a mɛtumi ayɛ de aboa no no.”
Ɔsrɛɛ kwan a ɔfiri adwuma no mu no, apprentice baako kaa sɛ,
“Abena, wo yɛ lucky paa oh. Me nyinsɛn no, me kunu maa me kɔtenaa me maame nkyɛn wɔ akuraa ase. Ɔka kyerɛɛ me sɛ me ha n’adwen dodo.”
“Wonnim deɛ Nyame ayɛ ama wo.” Me madam sɔɔ so.
Akyire no, wɔn nyinaa de wɔn nsa too aduane no mu dii bi.
Aka nnawɔtwe miɛnsa na baby no aba. Anokye se nka me ntena fie, because mmerɛ wei yɛ delicate, but menko me tena fie a na me werɛ aho. Nti me nenam. Me kɔ me madam tailor shop hɔ kakra a, na makɔ Anokye taxi station hɔ.
Ɛnnɛ ankasa mabrɛ. Me foro trɔtrɔ pɛ na mekaa me tirim sɛ, ɛwɔ sɛ nka me tena fie. But still, me tenaa mu maa no de me kɔduruu Sofoline. Me tɔɔ nkate cake bi bu boo mu wɔ trɔtrɔ no mu ansa na yɛredu Sofoline.
Yɛduruu hɔ no, na ato me adwendwen. Sɛ me nfa lɔri nsan m’akyi anaa sɛ me nnante mantam hɔ kakra. Me gu so dwendwen ho no, na mehuu sɛ obi tɔn kube nsuo. Me yɛɛ sɛ metu anamɔn akɔ kube wura no hɔ aa, na metee Anokye nne.
Me too m’ani kɔhwɛɛ aa, obi na asɔ ne mene dendenden.
Ntɛm ara na mede mmirika, ne m’afu yi, ɛna mekɔsɔɔ nipa a na wayere Anokye mu no.
“Bra, mesrɛ wo, me kunu no no. Ɛdeɛn na asi?”
Mehuu sɛ Anokye yam ahye no. Mehwɛ n’anim aa, na ɔpɛ sɛ obisa me sɛ ɛyɛɛ dɛn na mabɛpue hɔ saa bere no.
Papa no hwɛɛ m’anim dinn, ɛna ogyaee ne mu.
“Wo ti yɛ paa.”
Ɛno ara ne asɛm a ɔkae.
Na mehwɛ yɛn nkyɛn a, na nnipa atwa yɛn ho ahyia. Na already animguaseɛ no yɛ kɛse, nti meka kyerɛɛ no sɛ,
“Yɛnkɔ fie.”
“Ɛdeɛn na na ɛkɔ so no?”
Ɛno ne asɛm a medii kan bisaa no.
“Mede me taxi kɔhwee ne taxi mu maa akyi nyinaa paapae. Mɛ gye me mfomsoɔ ato mu no, na mepɛ sɛ mema no yɛ sɛ ɔno na ɔyɛɛ mistake. Ɛno na ɛmaa ne bo fuu saa no.”
“Na wo nso adɛn na woyɛɛ saa?”
“Wonim sɛ me sika sɛm ayɛ den. Nyame na maa wo bɛpue hɔ. Nka m’aso bɛyɛ hye paa oh.”
“Mesrɛ wo, ɛyɛ a yɛ careful.”
“M’ate, me dɔ. But ɛyɛ me nwanwa oh, sɛ wobɛpue hɔ saa mmerɛ no.”
“Me koraa ɛyɛ me nwanwa. Metenaa trɔtrɔ no mu nyinaa na ɛyɛ me sɛ mayɛ mistake. But Nyame nim deɛ ɛyɛ.”
“W’ayɛ lucky paa.”
“Nyɛ wo na wobɛka mpo. M’ayɛ lucky paa.”