Ɔ dɔ agya me akwantinfi

Ɔ dɔ agya me akwantinfi

Mfe3 miensa nie, a me ne Akuako hyehyɛɛ awareɛ. Mpofrimu ara na abranteɛ yi ka kyerɛɛ me sɛ, ɔrentumi ne me ntu anamɔn biom

Madwene asem wei ho akyɛ, ɛha me sunsum ne me kra. Sɛdeɛ asɛm no yɛ ya, na ɛyɛ duru biara no, ɛwɔ sɛ me te me ho ase, na mehunu neɛ nti a ɔsesaa n’adwene wɔ me ho.

Awia kataban wei, yɛ te store bi anim. Y’agye coke ntoa mienu. Y’atutu ano, nanso me deɛ, ɛnyɛ ɛno nti na me nam ɛno nti me nfa nkaa m’ano mpo.

“Me pɛ sɛ me da a, me tumi da, ɛno nti bɛɛma yɛ na, mesrɛ wo yi m’ano. Adɛn nti paa na wo sesaa w’adwene wɔ me ho? Ɔbi na ɔbɛdii me ho nkɔnkɔnsa, anaa sɛ ɔdɔ a wo wɔ ma me no nyinaa ɛte kɔɔ yɛ? Ɛdeɛn pɔtee paa na ɛbaa yɛ?”

“Akosua, ɛnyɛ obi na ɛkaa wo ho asɛm bɔne bi kyerɛɛ me, na ɛmom, ɛnam deɛ me de m’ani hunuu yɛ ne nea m’aso tee yɛ ɛwɔ wo ho.” Akuako asi ne tiri ase, na w’awoso ne ti. Asɛm korɔ no, me tumi hunu sɛ ne ka ɛyɛ ne den. Me ne no nante kyɛɛ kakra, nti me nim sɛ ɔmpɛ kasa. Nnipa anim kasa nso yɛ ne den.

“Me pa wokyɛw, kasa me tie wo.”

“Ɛda bi, me pɔn adwuma ntɛm, nti me yɛ m’adwene sɛ mɛ ba abɛ sra wo wɔ adwuma mu, wɔ ayaresabea hɔ. Me tɔɔ Kofi Brokeman mpo brɛ wo, firi sɛ na menim sɛ ɛyɛ wo favourite.

Na me pɛ sɛ ɛyɛ suprise nti me hyɛɛ da na m’anfrɛ wo. Me duru hɔ pɛ, ɛna me tee sɛ maame nurse bi teateamu dendenden. Me yam hyee me, nti me twee me kɔn sɛ me hwɛ nurse korɔ.

Akosua na ɛyɛ wo ara. Me gyinaa hɔ din hwɛɛ sedeɛ wo kasaa ɔpemfoɔ bi ho, ɛne sedeɛ wo ne akɔkora yarefoɔ bi kasaa yɛ. M’ani wui, na me werɛ koraa mpo hoɛ. Me hyɛɛ da gyina hɔ bɛyɛ sima dunum, sɛ nka wo bɛsesa wo suban no mpo, nanso m’anhunu nsakyerayɛ biara.

Asɛm a ɛfiri maame panin bi anum baa yɛ ara ne sɛ, ‘Nurse wei deɛ, mebɛ to no wɔ ha biara a na me yam hyehye me, n’ano kasa nyɛ baako baako sei!’ Maame baako bi nso sɔɔ so kaa bi, na nsɛm a na wɔkeka no, ɛsɛ w’ani. Afei koraa deɛ na m’atɔ mum.

Kofi Brokeman a me tɔɔ sɛ me de brɛ wo no mpo, me de m’adeɛ san kɔɔ fie.

Wo maa meho dwirii me ankasa. Akosua a na me nim no no, na ɔyɛ obi a ɔwɔ te ma. Me nnamfonom nyinaa ka daa sɛ wo deɛ wo ho dwo. Mmerɛ a na me ne wo wɔ hɔ no, wo bo anfu amma w’ankasa abufuo so da. Wo bibiara a na woyɛ no, na ɛda bɔkɔɔ. Nti saa adeɛ no a mehunu yɛ no deɛ, na asɛ ɛyɛ wo su, nanso na wo de atetɛ me akyɛ. Ɛka me ayɛ se na wo pɛ sɛ wo de asokwaa ɛbɛdane me akyenkyena. Ebia, na wo nsusuyɛ ne sɛ, me nya de kaawa no hyɛ wo wie a na wobɛyi saa suban n’adi akyerɛ me.

Adeɛ no bɔɔ me hu. Medwene ho na me yɛɛ madwene sɛ, mentumi biom. Me ne obiara mpo ansusu asɛm yi ho, ɛfirisɛ na mempɛsɛ megu w’anim ase. Yɛ na m’anyɛ adeɛ sɛ m’anka ankyerɛ wo. Na menhu kwan a mɛfa so koraa abɔ wo amaneɛ sɛ wei nti, ade koro wei nti ara na me no wo agyae. Fakyɛ me paa, deɛ ɛwɔ hɔ nono.”

Mentumi nkasa mpo firi sɛ me di fɔ, mentumi nhwɛ n’anim. M’ani nso awu pɔtɔɔ. Asɛm a ɔbɛka akyerɛ me a ne sɛ,

“Mɛ serɛ kwan. Megyidi sɛ, ɛfiri nnɛ ɛkɔ, sɛ wo da a, wo bɛ tumi ada.”